Yeremia 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɛweɛ berɛ ne emu hia

1AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie:

2Yuda di abooboo

na n’aponkɛseɛ agogo,

wɔboa fam si wɔn tiri ase twann,

na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.

3Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa;

wɔba nsubɔnhwa ano,

wɔnnya nsuo;

wɔde wɔn nhina hunu sane ba,

wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase,

wɔkatakata wɔn ti.

4 Yoel 1.11 Osuo a ɛntɔ asase no soɔ

na fam awo pɛsɛɛ nti,

akuafoɔ ani awuwu,

wɔakatakata wɔn ti.

5Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma,

ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ.

6Na ɛserɛ so mfunumu gyinagyina mpampa so,

wɔhome mframa sɛ ɛserɛ so kraman,

wɔn ani ayɛ siamoo,

ɛfiri sɛ nhahan biara nni hɔ.

7 Dan 9.4-14 Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a,

AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi,

na yɛn nsaneakyire adɔɔso,

wo na yɛayɛ wo bɔne.

8O Israel anidasoɔ,

wo a wogye wɔn ohia berɛ mu,

ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ,

sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Yer 15.16; Yes 43.7 Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma,

sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa?

Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE,

na wɔde wo din ato yɛn;

nnya yɛn hɔ.

10Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie:

Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,

wɔansi wɔn nan kwan;

enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn;

afei na wakae wɔn amumuyɛ

rebɛtua wɔn bɔne so ka.

11 Yer 7.16; 11.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.

12Yer 6.20; Yes 58.3 Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.

13Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.

14Yer 23.21; 27.14-15; 28.8-9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15Deut 18.20 Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.

16Yer 8.2 Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Yer 9.1 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ:

M’ani porepore nisuo anadwo ne awia,

na ɛnnyae,

ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu,

wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.

18Sɛ mefiri mekɔ wiram a,

hwɛ, afena ano atɔfoɔ nie;

na sɛ meba kuro mu a,

hwɛ, ɛkɔm ano atɔfo nie;

na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kyinkyini asase no so,

nso wɔnnim deɛ wɔrekorɔ.

Odiyifoɔ no dima

19 Yer 8.15 Toɔ na woato Yuda atwene,

anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu?

Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn

na yɛnni ɔyaresafoɔ yi?

Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma;

yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.

20 Yer 14.7 O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm,

yɛn agyanom amumuyɛ,

sɛ yɛayɛ wo bɔne.

21Wo din nti, mpa yɛn;

ngu w’animuonyam adwa no anim ase;

kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.

22Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ?

Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue?

Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn?

Wo na yɛhwɛ wo kwan,

ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help