Malaki 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE bɔfoɔ no ba

1 Mat 11.10; Mar 1.2; Luka 1.17 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.

2Yes 1.25 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no?

Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;

3Sak 13.9 na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu;

4ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.

5Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

6Na me, AWURADE, mensakyera; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.

Ntotosoɔ du du ho asɛm

7 Sak 1.3 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na mosane firii m’ahyɛdeɛ ho na moanni soɔ. Monsane mmra me nkyɛn! na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛnsane?

8Onipa bɛfom Onyankopɔn afa sɛdeɛ morefom me fa yi anaa? Nanso mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛfom wo fa? Ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mu.

9Hag 1.6 Wɔde nnome adome mo, ɛfiri sɛ me na morefom me afa, ɔman mu no nyinaa.

10Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?

11Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.

12Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Awerɛkyekyerɛ bɔhyɛ

13Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ?

14Dwom 73.13-14 Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim?

15Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.

16Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.

17Eks 19.5 Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ yei no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no ho.

18Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help