Nnwom 108 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adɔeɛ ho ayeyie ne mmoa ho adesrɛDawid dwom.

1 Dwom 16.9 M’akoma atim, Onyankopɔn,

m’akoma atim!

Mɛto dwom, na mayi ayɛ!

Me kra nyane!

2Bɛnta ne sankuten, monyane,

mɛnyane anɔpahema.

3AWURADE, mɛda wo ase, aman mu,

na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu.

4Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro,

na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn.

5Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro,

na ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti,

fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so.

7Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu:

Medi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bonhwa.

8Gilead wɔ me, Manase wɔ me,

na Efraim yɛ me tiri so dadeɛ kyɛ,

Yuda yɛ m’ahempoma.

9Moab yɛ me dwaresɛn,

Edom so na mɛto me mpaboa maguo,

Filistifoɔ asase so na mɛbɔ ose.

10Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu,

hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

11Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi,

na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

12Bɛboa yɛn firi ahohia mu,

na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

13Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ,

na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help