Nnwom 53 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nnipa amumuyɛ(Nnwom 14)Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Wɔnto no “Mahalat” sankuo nne so.

1Ogyegyentwie se n’akomam sɛ:

Nyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

2Onyankopɔn firi soro

hwɛ nnipa mma,

sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3Nanso wɔn nyinaa amane,

wɔn nyinaa aporɔ,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

4Amumuyɛfoɔ anhunu de,

wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane,

na wɔnsɔre Onyankopɔn?

5Ɛno na wɔn ho popoeɛ,

deɛ ahopopoɔ nnie hɔ,

na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe,

woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.

6Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba?

Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no,

Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help