1 2 Be 3.1-13 Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.
2Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn.
31 Ah 7.15-21; Yoh 10.23 Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan no trɛ no teɛ no, basafa nnum ne ne trɛ ɛdan no anim.
4Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu.
5Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:
6Aseɛ pa ara pia yɛ basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa mmiɛnsa, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa mmiɛnsa ne fa; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna no anhyɛne ɛdan no afasuo mu.
7Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho.
8Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.
9Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so.
10Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na wɔde tweneduro mpuna guu ɛdan no so.
11Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ:
122 Sa 7.13 Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.
13Eks 29.45 Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.
14 Aso 7.47 Na Salomo sii ɛdan no wiee.
Ɛdan no mu Nsiesie(2 Berɛsosɛm 3.8-14)15Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam.
16Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa du, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.
17Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu.
18Na ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara.
19Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.
20Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa du ne ne ntwemu, na basafa du yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.
21Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika.
22Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa.
23 Eks 37.7-9 Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa nnum ne ebiara tentene.
24Na kerub no ntaban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa nnum.
25Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa nnum; kerubim mmienu no nyinaa tentene pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ.
26Kerub baako tentene yɛ basafa nnum, na kerub baako no nso saa ara.
27Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.
28Na ɔde sika duraa kerubim no ho.
29Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.
30Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.
31Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;
32na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho.
33Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ.
34Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane, na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane;
35na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu.
36Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako.
37 1 Ah 6.1 Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw (a ɛte se Kɔtɔnimma) mu na wɔtoo AWURADE dan no fapem.
38Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe (a ɛte sɛ Obubuo) no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na wɔde siiɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.