Asomafoɔ 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Saulo adwensakyera(Asomafoɔ 22.3-16; 26.9-18)

1

17Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.

18Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon firii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ, na ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.

19Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.

Saulo ka asɛm wɔ Damasko

20Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.

21 Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma.

37Na ɛbaa sɛ nna no mu no, ɔyaree, na ɔwuiɛ; na wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan mu.

38Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.

39Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe.

40Mar 5.41 Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.

41Aso 9.32 Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.

42Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.

43Aso 10.6 Na ɔtenaa Yopa kyɛree kakra wɔ Simon nwomahyɛni bi nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help