Nnwom 24 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ba a animuonyam hene no baDawid dwom.

1 Dwom 50.12; 1 Ko 10.26 Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea,

wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.

2 Gye 1.9-10 Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so,

na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ.

3 Dwom 15 Hwan na ɔbɛforo AWURADE bepɔ no,

na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ,

deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ,

na ɔnka nkontompo ntam.

5 Yes 48.18 Ɔno na ɔbɛnya AWURADE nsam nhyira

na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.

6 Rom 2.28-29 Yeinom ne wɔn a wɔpɛ n’akyiri kwan no abusua,

wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O Yakob Nyankopɔn.

7 Yes 40.3-4 Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so,

na mo, tete apono, montrɛ mo ho mu,

na animuonyam hene no nhyɛne mu.

8Hwan ne animuonyam hene yi?

Ɛyɛ AWURADE, otumfoɔ kɛseɛ, ɔbrane,

AWURADE a ɔyɛ ɔbrane, ɔko mu.

9Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so,

na montrɛ mo tete apono no mu,

na animuonyam hene no nhyɛne mu.

10Hwan ne saa animuonyam hene yi?

Asafo AWURADE,

ɔno ne animuonyam Hene no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help