1 Gye 14.18-20 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no.
2Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene,
3ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ.
4Na monhwɛ onipa yi a agya panin Abraham maa no asadeɛ no so ntotosoɔ du du no so a ɔso!
5Num 18.21 Na wɔn a wɔfiri Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔnnye ntotosoɔ du du, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ ɔman no mu, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso wɔfiri Abraham asene mu no, nkyɛn,
6nanso deɛ n’abusua mfiri wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du, na ɔhyiraa deɛ ɔwɔ bɔhyɛ no.
7Nso akyinnyeɛ biara nni mu sɛ deɛ ɔkyɛne soɔ no na ɔhyira akumaa.
8Na ɛha, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du, na ɛhɔ deɛ, deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ no.
9Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi nso a ɔgye ntotosoɔ du du no nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi,
10ɛfiri sɛ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asene mu.
Ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔte sɛ Melkisedek11 Heb 7.18-19 Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ asɔfodie so ba a, (ɛfiri sɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka ɛdeɛn hia na ɛhia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfoɔ foforɔ bɛsɔreɛ na wɔnka no sɛ Aaron kwan soɔ?
12Na sɛ wɔsakyeraa asɔfodie no a, ɛtwa sɛ wɔsakyera mmara no nso.
13Na deɛ wɔbɔ ne din ka nsɛm yi firi abusuakuo foforɔ a obi mfiri mu mmɛyɛɛ afɔrebukyia ho adwuma pɛn mu.
14Gye 49.10; Yes 11.1 Ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade pueeɛ, nso saa abusuakuo yi, Mose ammɔ din anka asɔfodie ho hwee.
15Na deɛ ɛma asɛm no da adi pefee koraa ne sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ sɔre Melkisedek nsɛsoɔ so
16a wɔamfa honam ahyɛdeɛ mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛeɛ ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfoɔ.
17Dwom 110.4; Heb 5.6 Na wɔdi ne ho adanseɛ sɛ:
Woyɛ Melkisedek kwan so
sɔfoɔ daa.
18Na wɔgu ahyɛdeɛ bi a ɛdi kan wɔ emu adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nti,
19Heb 9.9 (ɛfiri sɛ mmara no amma biribiara anni mu), nanso wɔde anidasoɔ a ɛyɛ kyɛne soɔ a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.
20Na sɛdeɛ wɔankwati ntanka anyɛ yei no, ɛwom sɛ wɔn deɛ, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ,
21Dwom 110.4 nanso oyi deɛ, deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Awurade aka ntam na ɔrennu ne ho sɛ:
Woyɛ ɔsɔfoɔ daa no, de
ntanka ahyɛ no sɔfoɔ,
22 Heb 8.6; 12.24 sɛdeɛ apam a Yesu adi mu agyinamu yi yɛ kyɛne soɔ ne no.
23Na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ owuo amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfoɔ a wɔdɔɔso,
24nanso oyi deɛ, ɛnam sɛ ɔte hɔ daa nti, ɔdi sɔfoɔ afebɔɔ.
25Rom 8.34; 1 Yoh 2.1 Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.
26 Heb 4.14 Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.
27Lew 16.6; 16.15 Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ.
28Heb 5.1-2 Na mmara no deɛ, ɛhyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ asɔfoɔ mpanin, nanso mmara no akyiri ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panin.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.