Yohane 19 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire.

2Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so,

3na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ.

4Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

5Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!

6Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.

7

12Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.

13Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.

14Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie!

15 Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.

31 Deut 21.23 Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn.

32Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ.

33Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa.

34Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ.

35Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi.

36Eks 12.46 Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu.

37Sak 12.10; Adi 1.7 Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no.

Yesu sie(Mateo 27.57-61; Marko 15.42-47; Luka 23.50-55)

38Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.

39Yoh 3.2; Mat 2.11 Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae.

40Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no.

41Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ;

42na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help