Yeremia 19 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi

1Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,

2Yer 19.11; 7.31 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ hɔ.

31 Sa 3.11; 2 Ah 21.12 Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeww.

4Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.

5Yer 7.31-32 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da.

6Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bonhwa bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bonhwa.

7Yer 7.33 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi.

8Yer 18.16 Na mɛyɛ kuro yi amamfo ne fɛdie adeɛ, obiara a ɔbɛtwam wɔ ho no, ne sɛeɛ no nyinaa nti ne ho bɛdwiri no na wabɔ hwerɛma hweehwee.

9Deut 28.53 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛdi wɔn ho wɔn ho nam, ahohiahia ne ahodwan a wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no de bɛdwan wɔn ho no mu.

10Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,

11Yes 30.14; Yer 7.32 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwomfoɔ kukuo a wɔntumi nyɛ no yie bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Na Tofet ara na wɔbɛsie wɔn, ɛfiri sɛ wɔrennya baabi nsie bio.

12Saa ara na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafoɔ, AWURADE asɛm nie, na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.

13Yer 32.29; Sef 1.5 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.

14Ɛnna Yeremia firii Tofet, deɛ AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ baeɛ, na ɔkɔgyinaa AWURADE fie abannwa mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:

15Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help