1Na Saulo wuo akyi a Dawid asane afiri Amalekfoɔ kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu.
2Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.
3Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mefiri dwaneeɛ yi.
4Na Dawid bisaa no sɛ: Ɔko no kɔɔ sɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ɔse: Ɔman no adwane afiri ɔko no ano, na ɔman no mu nnipa pii atotɔ na wɔawu, na Saulo ne ne ba Yonatan nso awu.
5Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no amanneɛ no bio sɛ: Woyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne ba Yonatan awuo?
61 Sa 31.1-3 Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho.
7Na ɔhwɛɛ n’akyire no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me. Na megyee no so sɛ: Menie.
8Na ɔbisaa me sɛ: Wo ne hwan? Na mebuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.
9Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Bɛgyina me so ku me, na nketenkete akuta me, nso me kra nyinaa da so wɔ me mu.
10Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha.
11 Gye 37.29 Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa.
121 Sa 31.13 Na wɔtwaa adwo na wɔsui, na wɔkyenee kɔm kɔsii anwummerɛ maa Saulo ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fie, sɛ wɔatotɔ nkrantɛ ano.
13Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wofiri he? Na ɔse: Ɔhɔhoɔ Amalekni bi ba ne me.
141 Sa 24.6 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na woansuro sɛ wobɛtene wo nsa asɛe deɛ AWURADE asra no ngo no?
152 Sa 4.10, 12 Na Dawid frɛɛ ne mmeranteɛ no mu bi sɛ: Twe pini na to hyɛ ne so! Na ɔbɔɔ no maa no wui.
161 Ah 2.23, 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.
Dawid be Kwadwom17Na Dawid bee Saulo ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi,
182 Sa 1.22; Yos 10.13 na ɔkaa sɛ wɔmfa agyan dwom yi nkyerɛ Yuda mma. Hwɛ, wɔatwerɛ no Yasar Nwoma no mu.
19Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so.
Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ!
20 Mika 1.10; 1 Sa 18.6 Monnka no Gat,
mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so,
na Filistifoɔ mmammaa ani annye,
na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.
21 Num 15.18-21 Mo Gilboa mmepɔ,
wɔmmma bosuo ne osuo nntɔ nngu mo so,
na nnɔbaeɛ mfu mmma mo so,
na ɛhɔ na wɔatoto ahoɔdenfoɔ kyɛm atwene,
Saulo kyɛm, wɔamfa ngo ansra ho.
22Atɔfoɔ mogya,
ahoɔdenfoɔ sradeɛ ho
na Yonatan agyan ansane amfire,
na Saulo nkrantɛ ansane amfiri ho hunu.
23Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ.
Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu.
Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ,
wɔn ho yɛ den sene agyata.
24Israel mmammaa, Saulo na monsu no,
ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ,
na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ.
25Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ ɔko mu!
Wɔahwire Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so.
26Wo nti me ho hiahia me, me nua Yonatan,
w’asɛm yɛɛ me fɛ sɛ,
wo dɔ yɛɛ me nwanwa
sene mmaa dɔ.
27Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ,
na akodeɛ asi asɛeɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.