1 na ɛbɛhwe mo.
12 1 Ah 12.5 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa san baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.
13Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,
14na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
151 Ah 11.31 Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.
16 Mmb 15.1; 2 Sa 20.1 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ:
Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu?
Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu,
monkɔ mo afie mu, Israel,
afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.
Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.
17Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.
18Na Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a ɔdi ɔhyɛ adwumayɛ toɔ soɔ no; na Israel nyinaa sii no aboɔ maa no wuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm faa teaseɛnam sɛ ɔredwane aba Yerusalem.
19Ɛno nti Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.
20Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko.
21 2 Be 11.1-4 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam.
22Na Nyankopɔn asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:
23Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa ne ɔman no nkaeɛ sɛ:
24Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no.
Yeroboam abosonsom25 Gye 32.31 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree Penuel.
26Na Yeroboam see n’akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie,
27sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn.
28Eks 32.4, 8 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.
29Ate 18.30 Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan.
301 Ah 14.16 Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso kɔɔ Betel.
31Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu sisii asɔfoɔ.
32Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.
33Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.