Hesekiel 16 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn adɔeɛ a ɔyɛ Israel

1 Hes 23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, ma Yerusalem nhunu n’akyiwadeɛ no,

3na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.

4Na w’awoɔ mu deɛ, da a wɔwoo woɔ no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo.

5Obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo yeinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtoo wo twenee ɛserɛ so, too wo kra ho pe, da a wɔwoo woɔ no.

6Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!

7Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.

8 Rut 3.9; Eks 19.5 Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.

9Na mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

10na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;

11na mede ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo, na mede nkapo hyehyɛɛ wo nsa, na mede nkɔnmuadeɛ guu wo kɔn mu,

12na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.

13Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu.

14Kwa 2.15 Na w’ahoɔfɛ nti wo din trɛtrɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede hyɛɛ woɔ no maa no wiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

15 Eks 34.16 Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ adwaman guu wo din so, na wohwiee w’adwamammɔ guu obiara a ɔretwam so; ne no daeɛ.

16Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso.

17Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman;

18na wode wo nkyeremu ntadeɛ kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhwam sisii wɔn anim.

19Na m’aduane a memaa woɔ, esiam ne ngo ne ɛwoɔ a mede meyɛnee woɔ no, wode sisii wɔn anim sɛ ɛnyi hwa hwamhwam. Deɛ ɛyɛeɛ nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

202 Ah 16.3; Yer 7.31 Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,

21sɛ wokunkumm me mma na woyii wɔn maeɛ maa wɔfaa ogya mu maa wɔn no?

22Hes 16.6-7 Na w’akyiwadeɛ ne w’adwamanneɛ nyinaa mu no, woankae wo mmabaaberɛ nna no a na woda adagya na wonnam kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.

23Na wo nnebɔne nyinaa akyiri no, wo ara, (due, due! AWURADE Nyankopɔn asɛm nie),

24wotoo dampan faeɛ na woyɛɛ pampa faeɛ, mmɔntene nyinaa soɔ.

25Nkwantia nyinaa wotoo wo pampa, na woguu w’ahoɔfɛ no ho fi, na wobaee w’ananmu maa obiara a ɔsene, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.

26Na wo ne Misraim mma a wɔte wo ho a wɔn honam soso no bɔɔ adwaman, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso de huruu me bo.

27Na hwɛ, wo so na metenee me nsa, na metee w’aduane a mehyɛeɛ soɔ, na meyii wo mae sɛ w’atamfo, Filistifoɔ mmammaa a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.

28Nso wo ne Asiria mma bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ na wommee. Na wo ne wɔn bɔɔ adwaman, nanso woammee.

29Nso womaa w’adwamammɔ dɔɔso kɔduruu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na yei nso ammee wo.

30Sɛdeɛ w’akoma asi ahodwo afa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔyɛɛ yeinom a ɛyɛ ɔbaa dwamamfoɔ a ɔso ne tire no nneyɛɛ no nyinaa!

31Hes 16.24-25 Wotoo wo dampan, akwan nyinaa tia, na woyɛɛ pampa, mmɔntene nyinaa soɔ no, woanyɛ sɛ odwamamfoɔ mpo, ɛne sɛ wopoo apɛdeɛ.

32Ɛyerɛ a ɔsɛe awadeɛ, ɔfa ananafoɔ si ne kunu ananmu.

33Nnwamamfoɔ nyinaa, wɔma wɔn akyɛdeɛ, na wo deɛ, wode w’akyɛdeɛ kyekyɛ w’adɔfoɔ nyinaa, na woma wɔn adanmudeɛ, sɛ wɔmfiri mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn adwamammɔ.

34Enti wo deɛ, woyɛ sononko wɔ mmaa a aka no wɔ adwamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ adwaman, na wo na woma apɛdeɛ; na wo deɛ, obi mma wo apɛdeɛ, enti na woyɛ sononko no.

35Ɛno nti, odwamamfoɔ, tie AWURADE asɛm!

36Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔhwiee wo ho fi guiɛ, na wɔayi w’adagya soɔ, w’adwamammɔ mu, ama w’akyiwadeɛ abosonhunu no nyinaa ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,

37Yer 13.22, 26 hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.

38Na mede mmaa awaresɛefoɔ ne mogyakagufoɔ atemmudeɛ bɛbu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyeɛ ne ninkuntwe mogya,

39na mede wo ahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiri wo dampan, na wɔaburi wo mpampa, na wɔaworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔafa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wɔagya wo adagya ne kwaterekwa mu,

40na wɔama wɔabɛbɔ wo so dwa, na wɔasi wo aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ atwitwa wo mu,

41na wɔde ogya ahye w’adan, na wɔde w’atemmuo mu adeɛ ayɛ wo, mmaa bebree ani so, na mama woagyae adwamammɔ; na akyɛdeɛ nso, worenkyɛ bio.

42Hes 5.13 Na mɛma m’abufuhyeɛ no adwo wɔ wo ho, na me ninkuntwe afiri wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.

43Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.

44Hwɛ, obiara a ɔbubu mmɛ no bɛbu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛdeɛ ɛna teɛ na ne ba teɛ.

45Hes 16.3 Wo ne wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wo ne nuammaanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabaa; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini.

46Hes 23.4 Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa.

47Nso woamfa wɔn akwan so na wɔyɛɛ wɔn akyiwadeɛ no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe senee wɔn, w’akwan nyinaa so.

48Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ sɛdeɛ wo ne wo mmammaa ayɛ yi.

49Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;

50Gye 18.20 na wɔyɛɛ ahantan yɛɛ akyiwadeɛ wɔ m’anim, na meyii wɔn hɔ sɛdeɛ me ara mepɛ.

51Na Samaria anyɛ wo bɔne no mu fa, na womaa w’akyiwadeɛ dɔɔso senee wɔn, na wode w’akyiwadeɛ a woyɛeɛ no nyinaa buu wo nuammaanom bem.

52Wo nso, soa w’ahohora a wobu maa atɛn maa wo nuammaanom no. Wo bɔne a woama no ayɛ akyiwadeɛ asene wɔn no nti, wɔtene sene wo, na wo nso, ma w’ani nwu na soa w’ahohora, sɛ woabu wo nuammaanom bem.

Dom a wɔdom gye Yerusalem

53 Hes 11.17 Na mede wɔn nnommum, Sodom ne ne mma nnommum, ne Samaria ne ne mmammaa nnommum, ne wo nnommumfa mu nnommum a ɛwɔ wɔn mu no bɛsane aba,

54deɛ ɛbɛyɛ na woasoa w’ahohora, adeɛ a woayɛ nyinaa ho de akyekyere wɔn werɛ.

55Na wo nuammaanom, Sodom ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na Samaria ne ne mmammaa bɛsane aba wɔn kane dibea mu, na wo nso wo ne wo mmammaa bɛsane aba mo kane dibea mu.

56Na wo nuabaa Sodom anyɛ w’anomu asɛnka, w’ahantan nna no mu,

57ansa na wɔreyi wo bɔne adie, sɛ ɛberɛ a Siria mmammaa ne wɔn a wɔtwa ne ho hyia nyinaa, Filistifoɔ mmammaa a wɔyi wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.

58W’abusudeɛ ne w’akyiwadeɛ no, wo ara na woso, AWURADE asɛm nie.

59Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no.

60Lew 26.45; Hos 2.15; Hes 37.26; Yer 31.31-34 Na me deɛ, mɛkae m’apam a me ne wo pamm no wo mmabaaberɛ mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo.

61Hes 20.43 Na sɛ mede wo nuammaanom a wɔsene wo panin ka wo nuammaanom a wɔyɛ w’akyiri mma no ho de wɔn meyɛ wo mmammaa a ɛnnyina m’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’ani awu.

62Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahunu sɛ, me ne AWURADE,

63Hes 36.31-32 deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help