1Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.
2Na ɔfrɛɛ kuro no mu mpanin mu du bae, na ɔkaa sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase.
3Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefoɔ no sɛ: Naomi a ɔsane firii Moab asase so baeɛ no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek deɛ no.
4Lew 25.25 Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.
5Deut 25.5-6 Ɛnna Boas kaa sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni baa Rut a ɔyɛ nsamanyerɛ no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyadeɛ ho.
6Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: Merentumi mennye memfa, na mansɛe me ara m’awunnyadeɛ. Wo na kɔgye m’adeɛ a ɛsɛ sɛ megyeɛ no fa, na merentumi mennye.
7 Deut 25.7-10 Nso ɛgyeɛ ne nsesa ho amanneɛ a akane no na ɛwɔ Israel nie: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, ɔyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na yei na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel.
8Enti ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na ɔyii ne mpaboa.
9Na Boas ka kyerɛɛ mpanin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefoɔ nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nnoɔma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nnoɔma nyinaa afiri Naomi nsam.
10Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!
11Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.
12Gye 38.29 Na w’asefoɔ a AWURADE de bɛma woɔ afiri ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fie no asefoɔ.
13 Dwom 127.3 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.
14Na mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ, na wɔmma no nnye din wɔ Israel.
15Na ɔnyɛ wo nkwamafoɔ ne wo mmerewaberɛ mu hwɛfoɔ, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ a ɔyɛ ma woɔ sene mmammarima baason no na awo no.
16Na Naomi gyee akɔkoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔbagyegyefoɔ.
17Mat 1.5-6; Luka 3.32 Na n’afipamfoɔ mmaa no too no din kaa sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid agya Yisai agya.
18 Gye 46.12; 1 Be 2.5 Yeinom ne Peres awoɔ ntoatoasoɔ: Peres woo Hesron,
191 Be 2.9-15 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab,
20Num 1.7 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,
21na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed,
221 Sa 16.1, 11-13 na Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.