1 Ahemfo NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUAhemfo nwoma a ɛdi kan no yɛ Israel ahennie ho abakɔsɛm a ɛyɛ Samuel nwoma no ntoasoɔ. Wɔakyekyɛ mu mmiɛnsa; (1) Salomo di a ɔdii Yuda so hene ne n’agya Dawid wuo. (2) Salomo ahennie ne deɛ ɔyɛe. Deɛ ɛda adi yie wɔ ne berɛ so ne Yerusalem Asɔredan a ɔsiiɛ no. (3) Kyɛ a wɔkyɛɛ ɔman no mu mmienu; atifi ne anafoɔ ahemman, ne nsɛm a ɛfa ahemfo a wɔdii adeɛ firii mfitiaseɛ kɔsii afe ahankron a ɛdi Yesu awoɔ anim no mfimfini.Ahemfo nwoma mmienu no mu na wɔbuu ɔhene biara atɛn sɛdeɛ ne nokorɛ a ɔdii Onyankopɔn no teɛ, na wɔhunu ɔman no nkɔsoɔ sɛ ɛgyina saa nokorɛdie yi so. Ɔkwan bi so no, abosonsom ne asoɔden na ɛde saa amanehunu yi baeɛ. Atifi ahennie mu ahemfo no nyinaa dii ntwo wɔ sɔhwɛ no mu, na deɛ wɔatwerɛ ato hɔ kyerɛ sɛ Yuda ahemfo no deɛ yɛ afrafra. Nnipa a wɔda adie titire wɔ Ahemfo nwoma a ɛdi kan no mu no ne AWURADE adiyifoɔ no, wɔn a wɔyɛ nnipa akokoɔdurufoɔ a wɔkasa maa Onyankopɔn na wɔbɔɔ ɔman no kɔkɔ sɛ wɔnnsom abosom na wɔnnyɛ asoɔden ntia Onyankopɔn. Deɛ ɔyɛ titire wɔ wɔn mu ne Elia a ɔne Baal akɔmfoɔ no dii apereapereɛ no (Ti 18).EMU NSƐMDawid ahennie awieeɛ 1.1—2.12Salomo di hene 2.13-46Salomo ahennie 3.1—11.431. Mfeɛ a ɛdi kan no 3.1—4.342. Wɔsii Asɔredan no 5.1—8.663. Mfeɛ a ɛdi akyire no 9.1—11.43Ahemman a emu akyɛ 12.1—22.531. Atifi mmusua no atuateɛ 12.1—14.202. Yuda ne Israel ahemfo no 14.21—16.343. Odiyifoɔ Elia 17.1—19.214. Israelhene Ahab 20.1—22.405. Yudahene Yehosafat ne Israelhene Ahasia 22.41-53
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help