1Yake ba Agur nsɛm — Anisoadehunu.
Ɔbarima no ka kyerɛ Itiel,
Itiel ne Ukal sɛ:
2Na meyɛ mmoasɛm kyɛne onipa obiara,
na nhunumu a onipa wɔ no, na menni bi.
3Na mensuaa nyansa,
na menni ɔkronkronni no ho nimdeɛ.
4 Hiob 38 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane?
Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam?
Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu?
Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ?
Sɛ wonim a, ne din de sɛn?
Na ne ba din de sɛn?
5 Dwom 12.6; 18.30 Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te,
ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ.
6 Deut 4.2 Mfa biribi nka ne nsɛm ho,
na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofoɔ.
7Nnoɔma mmienu na mesrɛ no wo hɔ,
nkame me ansa na mawu:
8 1 Ti 6.6-8; Mat 6.11 Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri,
mma me ohia anaa ahonyadeɛ,
ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni,
9na mammee mampa wo manka sɛ:
Hwan ne AWURADE?
Nanso manni hia manwia adeɛ
mamfom me Nyankopɔn din.
10Nni akoa ho nsekuro nkyerɛ ne wura,
na wammɔ wo dua na woanni fɔ.
11Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya,
na wɔnhyira wɔn na.
12 Mmb 20.9 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ,
nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.
13 Mmb 21.4 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn sɛ biribi,
na wɔamema wɔn anisuatɛtɛ soɔ!
14Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ,
na wɔn dodomse yɛ nsekammoa,
a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ
ne ahiafoɔ firi nnipa mu.
15Amemem wɔ mmammaa baanu a wɔteam sɛ: Fa ma! Fa ma!
Nnoɔma mmiɛnsa na ɛmmee da,
aane, nnoɔma nnan
na ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso:
16Asamando ne ɔyafunu bonin,
asase a nsuo mmee no ne ogya a ɛnka sɛ: Ɛdɔɔso.
17 Mmb 20.20 Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no,
asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.
18 Mmb 6.16 Nnoɔma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa dodoɔ,
aane, na nnan deɛ, menhunu:
19Ɔkɔdeɛ kwan, ewiem,
ɔwɔ kwan, ɔbotan so,
nsuhyɛn kwan, ɛpo mu,
ne ɔbarima kwan, ababaa ho.
20Sɛ ɔbaa awaresɛeni kwan teɛ nie:
Ɔdidi pepa n’ano, na ɔse:
Memmɔɔ mmusuo biara.
21Nnoɔma mmiɛnsa ase na asase wosoɔ,
aane, na nnan na ɛntumi nsoa:
22 Ɔsɛ 10.6 Akoa a wabɛdi hene
ne ogyegyentwie a wadidi ameeɛ,
23ɔbaa a obi mpɛ no na wanya kunu,
ne abaawa a wadi n’awuraa adeɛ.
24Nnoɔma nnan na ɛsusua asase soɔ,
nanso wɔyɛ anyansafoɔ, wɔakyerɛ wɔn nyansa:
25 Mmb 6.6-8; 10.5 Ntɛtea, ɔman a wɔnni ahoɔden biara,
nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuberɛ.
26Nkukuban, ɔman a wɔn ho nyɛ den,
nanso wɔyɛ wɔn adan abotan mu.
27Ntutummɛ nni hene,
nanso wɔn nyinaa firi nam akuakuo.
28Wobɛtumi de wo nsa akyere ɔkoterɛ,
nso ahemfo aban mu na ɔteɛ.
29Nnoɔma mmiɛnsa yi nanteɛ mu yɛ,
aane, na nnan kɔbea yɛ fɛ:
30Gyata, mmoa mu brane
a ɔnsane mfiri obiara anim;
31akodie pɔnkɔ a n’asene amia,
ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre ntia no.
32Sɛ woayɛ nkwaseadeɛ ama wo ho so,
na sɛ woabɔ pɔ a,
fa wo nsa to w’ano.
33Na womia nufosudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ,
na wokyim ɛhwene a, woyi mogya,
saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.