Yohane 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi

1Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

2Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

3Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,

4wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, wɔakyere ɔbaa yi wɔ adwamammɔ mu pɛɛ.

5Yesu ne wiase hann no

12

37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.

38Deɛ mahunu no Agya no nkyɛn na meka, na mo deɛ moyɛ deɛ moate no mo agya no nkyɛn.

Yesu ne Abraham

39Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

40na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa.

41Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn.

42Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.

43Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.

44

48 Yoh 7.20 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ, woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?

49Yesu buaa sɛ: Me deɛ, menni honhommɔne; na medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora.

50Yoh 5.41 Me deɛ, menhwehwɛ me ara m’animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn.

51Yoh 6.40; 6.47 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.

52Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.

53Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?

54Yesu buaa sɛ: Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam.

55Yoh 7.28 Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.

56Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.

57Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Wonnya nnii mfirinhyia aduonum mpo, na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?

58Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.

59Yoh 10.31 Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help