2 Tesalonikafoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUAdwene mu sakasaka a ɛfa Kristo mmaeɛ no ho kɔɔ so ara de ɔhaw baa Tesalonika asafo no mu. Krataa a ɛtɔ so mmienu a Paulo de kɔmaa Tesalonikafoɔ no ka gyidie bi a na ɛwɔ hɔ sɛ da a Awurade bɛba no aba dada no ho asɛm. Berɛ a Paulo rekyerɛkyerɛ wɔn mu no, ɔtwee wɔn adwene gyinaa so sɛ, ansa na Kristo bɛba no, bɔne ne amumuyɛ bɛduru ne mpɔmpɔnsoɔ ɛberɛ a onipa sononko bi a wɔfrɛ no “otirimuɔdenfoɔ no” bɛsɔre atia Kristo.Ɔsomafoɔ yi sii so dua sɛ ɛhia sɛ n’akenkanfoɔ kura wɔn gyidie mu pintinn wɔ ɔhaw ne yea mu. Wɔnyɛ adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano sɛdeɛ Paulo ne ne mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ yɛeɛ no, na afei wɔmmrɛ wɔ papayɛ mu da.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Ayeyie ne abasobɔ 1.3-12Nhyehyɛɛ a ɛfa Kristo mmaeɛ ho 2.1-17Kristoni su ho afotuo 3.1-15Awieeɛ 3.16-18
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help