Nnwom 57 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn mu ahotosoɔWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Ɔtoo no ɔbodan no mu berɛ a ɔdwanee Saulo no.

1 1 Sa 22.1; Dwom 91.1-2 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn,

hu me mmɔbɔ,

na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ,

na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea

kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.

2Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn,

mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.

3Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me,

ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora.

Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.

4Me kra da agyata mu,

meda wɔn a wɔhome gyaframa mu.

Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan,

na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.

5Onyankopɔn, ma wo ho so tena soro,

ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6 Dwom 7.15 Wɔsum m’anammɔn fidie,

me kra brɛɛ ase,

wɔtuu me kwan mu amena,

wɔn ankasa ahwehwe mu.

7M’akoma atim, Onyankopɔn,

m’akoma atim,

mɛto dwom na mayi ayɛ.

8 Dwom 16.9 Me kra, nyane,

bɛnta ne sankuten, nyane,

me nso mɛnyane anɔpahema.

9AWURADE, mɛda wo ase aman mu,

mɛto wo ayeyie dwom aman mu,

10 Dwom 36.5 na w’adɔeɛ so kɔduru soro,

na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

11Onyankopɔn, ma wo ho so tena ɔsoro,

ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help