2 Ahemfo 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔhene Ahasia adebisa

1 2 Ah 3.5 Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua.

21 Ah 22.51; Yes 19.3 Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

3Yes 8.19 Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa?

4Enti AWURADE se: Mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo! Na Elia kɔeɛ.

5Ɛnna abɔfoɔ no sane baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: Adɛn na moasane aba yi?

6Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Enti onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.

7Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo ba bɛhyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te sɛn?

8Sak 13.4; Mat 3.4 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene. Na ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia.

Elia ne asafohene baasa no

9Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se: Siane bra.

10Luka 9.54; Adi 11.5 Na Elia bua see aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum no! Na ogya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.

11Na ɔsane somaa aduonum so safohene foforɔ ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔsee no sɛ, Nyankopɔn nipa, ɔhene ahyɛ sɛ: Yɛ ntɛm siane bra.

12Na Elia bua see wɔn sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum! Na Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.

13Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den w’ani so.

14Hwɛ, ogya afiri ɔsoro aduru abɛhye akane aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra boɔ nyɛ den w’ani so.

15Ɛnna AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: Ɛne no nsiane nkɔ, nsuro n’anim. Na ɔsɔree ne no siane kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

Ahasia wuo

16 2 Ah 1.3-4 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woasoma abɔfoɔ sɛ wɔnkɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ, sɛdeɛ onyame bi nni Israel a wɔkɔbisa no asɛm nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.

17 2 Ah 3.1 Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.

18Na Ahasia ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔntwerɛɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help