1Me ba, sɛ wotie me nsɛm,
na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,
2sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa,
na woakom w’akoma ama nteaseɛ,
3 Yak 1.5 aane, sɛ wosu frɛ nhunumu,
na woma wo nne so frɛ nteaseɛ,
4sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ,
na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a,
5ɛno na wobɛhunu AWURADE suro,
na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.
6Na AWURADE na ɔma nyansa,
n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.
7 Ɔsɛ 7.29 Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ,
ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,
8sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan,
na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.
9Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo
ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.
10Sɛ nyansa ba w’akoma mu,
na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,
11adwempa bɛhwɛ wo so,
na nteaseɛ abɔ wo ho ban,
12na ayi wo afiri bɔne kwan mu
ne onipa a ɔka nsɛm akontonkyi ho,
13afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ
kɔnante sum akwan soɔ no ho,
14wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,
wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,
15wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea,
na wɔn akwan danedane.
16 Mmb 6.24; 7.5; 5.3 Na ayi wo afiri ɔbaa sansani nsam,
afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;
17ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu,
na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam;
18 Mmb 5.5-6 na ne fie kom kɔ owuo mu,
na n’akwan kɔ asamanfoɔ mu.
19Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane,
na wɔrensi nkwa akwan mu.
20Na woafa nnipa pa kwan so,
na woadi ateneneefoɔ kwan so.
21 Dwom 37.9, 29; Mat 5.5 Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ,
na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;
22 Dwom 37.10, 22 na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so,
na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
