Luka 24 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu sɔre firi awufoɔ mu(Mateo 28.1-8; Marko 16.1-8; Yohane 20.1-13)

1Na da a ɛdi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɛda no so, na wɔde nnuhwam a wɔasiesie no bae.

2Na wɔhunuu ɔboɔ no sɛ apire afiri ɛda no ano,

3na wɔhyɛnee mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no.

4Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.

5Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi?

6Ɔnni ha, na wasɔre. Monkae sɛdeɛ ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo

7Ɔsorokorɔ(Marko 16.19; Asomafoɔ 1.4-14)

50Na ɔde wɔn firii adi kɔduruu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.

51Na ɛbaa sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.

52Na wɔkoto sɔree no, na wɔde anigyeɛ kɛseɛ sane baa Yerusalem.

53Na wɔwɔ asɔrefie hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help