Nnwom mu dwom 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔdɔfoɔ ho anigyina

1Me deɛ, meyɛ Saron nhwiren,

ne mmonhwa mu sukooko.

2Me dɔfoɔ wɔ mmammaa mu

sɛ nkasɛɛ ntam sukooko.

3Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ

a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam,

mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase,

na n’aba yɛ me dodom dɛ.

4Ɔde me aba apontoɔ dan mu,

na ne frankaa a ɛsi me soɔ ne ɔdɔ.

5 Nmd 5.8 Momfa bobe aba taterɛ nwowa me,

momfa aprɛ aba nnwodwo me,

ɛfiri sɛ ɔdɔ abɔ me yareɛ.

6 Nmd 8.3 O, sɛ ne nsa benkum hyɛ me tiri ase,

na anka ne nsa nifa yɛ me atuu.

7 Nmd 3.5; 8.4 Meka no ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

8Me dɔfoɔ nne nie!

Hwɛ, ɔreba!

Ɔhuri tratra mmepɔ,

ɔte nkokoɔ so pentenkwa.

9 Nmd 2.17; 8.14 Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa.

Hwɛ sɛ ɔgyina yɛn fasuo akyire,

ɔhwɛ mpomma mu no mu haa,

ɔhwɛ ntokuro a ɛdeda nnadeɛ a ɛsisi mpomma no mu.

10Me dɔfoɔ kasa se me sɛ:

Sɔre ɛ, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ,

na bra ɛ!

11Na hwɛ, awɔberɛ atwam,

asusɔ agyae na ɛkɔ koraa.

12Nhwiren yi ne ho adi asase so,

dwontoɔ berɛ adu,

na wɔte anyankuku

nka yɛn asase so.

13Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye,

na obobe nnuabaforɔ

reyi ne hwa.

Sɔre, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ,

na bra ɛ!

14 Nmd 4.7 M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu

ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ,

ma menhunu w’anim,

ma mente wo nne,

na wo nne yɛ dɛ,

na w’anim yɛ fɛ.

15Monkyere nsakraman mma yɛn,

nsakraman nketewa

a wɔsɛe bobe nturo no,

na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ.

16 Nmd 6.3 Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.

17 Nmd 8.14 Dane wo ho, me dɔfoɔ,

na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa,

mpaepaemu mmepɔ so,

kɔsi sɛ enwunu bɛdwoɔ na sunsum ayerayera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help