1 Kol 4.3 Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo hɔ nso.
2Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.
31 Te 5.24 Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no.
42 Ko 7.16; Gal 5.10 Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ deɛ yɛhyɛ mo.
5Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.
Adwuma pa6 Mat 18.17; Rom 16.17 Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho.
71 Te 1.6 Na mo ara monim sɛ ɛsɛ sɛ mosua yɛn, ɛfiri sɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu,
81 Ko 4.12 nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara;
9Mat 10.10; 1 Ko 4.16 ɛnyɛ sɛ yɛnni ho kwan na mmom yɛyɛɛ sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasua yɛn.
10Gye 3.19 Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi.
11Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ terɛterɛ.
121 Te 4.11 Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn, tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduane.
13 Gal 6.9 Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.
142 Te 3.6; 1 Ko 5.9; 5.11 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu;
15nanso mommmu no sɛ ɔtamfoɔ, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.
16Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa, adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
Nkradie ne nhyira17 1 Ko 16.21 Me Paulo nkyea a mede me ara me nsa metwerɛeɛ. Yei di adanseɛ wɔ me nwoma nyinaa mu sɛ ɔkwan a mefa so twerɛ nie.
18Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
