1Na Hiob gyee so sɛ:
2Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree;
mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ.
3Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie?
Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua?
4 Dwom 22.7 Sɛ mowɔ me tebea mu a,
anka me nso mɛkasa sɛ mo,
anka mɛhɔre nsɛm magu mo so,
na mawoso me ti magu mo so;
5aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den,
na m’anomu duema ama mo yea aboto.
6Sɛ mekasa a, me yea no mmoto,
na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ?
7Na afei deɛ, Onyankopɔn ahodwo me;
woama me ho nnipa nyinaa agu;
8woapompono me ama no adane adanseɛ,
na me fɔn asɔre atia me atoto m’ano wɔ m’anim.
9 Dwom 35.16; 112.10 Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me;
ɔtwɛre ne se gu me so.
M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.
10 Dwom 22.7 Wɔhaahaa wɔn anomu tia me,
wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu,
wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me.
11Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa,
na wasum me ato abɔnefoɔ nsam.
12 Kwa 3.12 Anka medi yie, na ɔbubuu me.
Ɔsɔɔ me kɔn na ɔbubuu me pasaa,
na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botaeɛ;
13n’agyan dii me so ntwaguo,
ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho,
ɔhwiee me bɔnwoma guu fam;
14Ɔbubuu me mprɛ bebree,
ɔto baa me so sɛ ɔdɔmmanin.
15 Gye 37.34 Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so,
na mede m’ahoɔden too mfuturo mu.
16Esu nti m’ani abere kɔkɔkɔkɔ,
na owuo sunsum da m’anisuatɛtɛ so.
17Nanso amim biara nni me nsam,
na me mpaebɔ ho te.
18 Gye 4.10 O! Asase, nkata me mogya so,
na mma me sufrɛ nnnya homebea!
19Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ,
na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.
20 Kwa 3.14 Me nnamfo mpo di me ho fɛw,
nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no.
21Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim,
sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no.
22 Hiob 10.21 Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu
na makɔ kwan a merensane memma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
