Hiob 34 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Elihu kɔ so ara ka Hiob anim

1Na Elihu toaa so sɛ:

2Anyansafoɔ, montie me nsɛm,

na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me.

3 Hiob 12.11 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na ano ka aduane hwɛ.

4Yɛbɛsɔ atemmuo ahwɛ afa,

na yɛahunu deɛ ɛyɛ yɛn ntam.

5 Hiob 33.9; 27.2 Na Hiob aka sɛ: Metene,

nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ.

6 Hiob 9.15, 20; 6.4 Me bem mu ara na wɔbu me torofoɔ,

m’agyan kuro mu ayɛ den, nanso mmarato nni me mu.

7 Hiob 15.16 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob

a ɔnom mmusubɔ sɛ nsuo,

8 Dwom 1.1 na ɔhyɛne amumuyɛfoɔ ayɔnkofa mu,

na ɔne nnipa abɔnefoɔ ananteɛ?

9 Hiob 9.22 Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfasoɔ mma onipa

sɛ ɔne Onyankopɔn bɔ.

10Enti mo a mowɔ tire, montie me,

ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne,

na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm,

11 Rom 2.6 na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no,

na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.

12 Hiob 19.6 Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne,

na Otumfoɔ nkyea atemmuo.

13Hwan na ɔde asase hyɛɛ ne nsa,

na hwan na ɔsiesiee wiase nyinaa?

14Sɛ ɔgye ne home fa

na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,

15 Gye 3.19; Dwom 104.29 anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko,

na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.

16Na sɛ wowɔ nhunumu a, tie yei,

yɛ aso ma me nsɛm.

17Deɛ ɔkyiri atɛntenenee bɛnya aman adi so anaa?

Anaasɛ wobɛbu ɔteneneeni tumfoɔ no fɔ?

18Deɛ ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni!

Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefoɔ!

19Deɛ ɔnhwɛ atitire anim,

na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni;

ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.

20Mpofirim na wɔwuo,

na adasuo mu na aman hinhim na wɔsene korɔ,

na wɔpra aberempɔn kɔ, nso ɛnnam onipa nsa so.

21 Hiob 31.4; Mmb 5.21 Na n’ani wɔ onipa akwan so,

na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa.

22 Dwom 139.11-12 Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ,

na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.

23Na ɛnhia sɛ ɔhwɛ onipa ma no kyɛ

ansa na wakɔ Nyankopɔn nkyɛn, atemmuo mu.

24Ɔbubu aberempɔn a ɔnhwehwɛ wɔn asɛm mu,

na ɔde afoforɔ si wɔn ananmu.

25Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛɛ,

na ɔbutu wɔn anadwo ma wɔdwerɛ wɔn.

26Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefoɔ

ma nnipa nyinaa hunu.

27Ɛfiri sɛ wɔmane firii n’akyiri kɔe,

na wɔannwene n’akwan no biara ho,

28 Eks 22.23 sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn,

na wate amanehunufoɔ sufrɛ.

29Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ?

Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no?

Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,

30na onipa kɔnkɔnsani anni hene,

na wɔansum ɔman fidie.

31Na obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ:

Mahunu amane, merenyɛ amumuyɛ bio,

32 Hiob 40.5 deɛ mennya menhunuiɛ, wo na kyerɛ me,

sɛ madi amumuyɛsɛm a, merenni bio?

33Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa?

Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me,

na deɛ wonim no, ka ɛ!

34Nnipa a wɔwɔ tire bɛka akyerɛ me,

na ɔbarima nyansafoɔ bɛtie ama me,

35 Hiob 38.2 Hiob deɛ, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa,

na ne nsɛm mu nni nhunumu.

36Sɛ anka wɔresɔ Hiob ahwɛ akɔsi awieeɛ ɛ,

ɛfiri sɛ ne mmuaeɛ te sɛ amumuyɛfoɔ mmuaeɛ.

37 Hiob 34.5 Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho,

yɛn mu mpo ɔbɔ ne nsam,

na ɔma ne nsɛm a ɔne Onyankopɔn de di asie no dɔɔso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help