1 Yes 15.3 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm.
Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ
na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?
2Wo a huuyɛ ayɛ wo ma,
hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro,
w’atɔfoɔ antotɔ afena ano,
na wɔanwuwu ɔko mu.
3Wo mmapɔmma nyinaa abom adwanedwane kɔ;
ɛnyɛ tadua na wɔde kyeree wɔn.
Wo nnipa a wɔhunuu wɔn no nyinaa, wɔdwane kɔɔ akyirikyiri,
nso wɔkyeree wɔn nyinaa:
4Enti na mese:
Monyi mo ani mfiri me so
na mensu su yaya.
Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ,
me man babaa no sɛeɛ ho.
5Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn,
anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da,
adehunu bonhwa no mu,
wɔdwiri ɔfasuo no,
wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.
6Na Elam asɔ agyan kotokuo mu
de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba,
na Kir nso ayi kyɛm adi;
7na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo mmonhwa a ɛyɛ fɛ no mu amaama,
na apɔnkɔsotefoɔ nso agyinagyina kuro pono ano.
8 1 Ah 7.2 Na wayi Yuda so nkataho no.
Na ɛda no, mode mo ani too kwaeɛ fie no mu akodeɛ so,
9Yes 7.3 na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano;
10Yer 33.4 na mokan Yerusalem adan, na modwirii adan no, sɛ mode rewowa ɔfasuo no;
11na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.
12Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn
frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa
ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.
13 1 Ko 15.32 Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ,
anantwie menetwa ne nnwan kum,
ɛnamdie ne nsanom nie:
“Momma yɛnnidi na yɛnnom
na ɔkyena na yɛawu.”
14Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ:
Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo
kɔsi berɛ a mobɛwuwuo!
Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.
Sebna ahweaseɛ15 Yes 36.3 Sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, seɛ nie: Kɔ efie panin Sebna yi a ɔdi efie no soɔ no nkyɛn sɛ:
16Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!
17Hwɛ, AWURADE bɛto wo ɔbrane toɔ atwene, na ɔbɛsɔ wo mu denden,
18na wahwim wo ato wo sɛ bɔɔl atwene asase a ɛtrɛ so, ɛhɔ na wobɛkɔ akɔwuo, na ɛhɔ na w’animuonyam nteaseɛnam bɛkorɔ, wo a woyɛ wo wura fie ahohora.
19Na mɛsum wo afiri wo sibea, na wɔadwiri wo afiri wo gyinabea.
Wɔma Eliakim so20 Yes 36.3 Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim aba,
21na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ no so, na mede wo mpaninnie mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfoɔ ne Yuda fie.
22Adi 3.7 Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini.
23Na mɛyɛ no sɛ pɛɛwa abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den, na wayɛ animuonyam adwa ama n’agya fie;
24na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so.
25Ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, pɛɛwa a wɔde abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛne soɔ no asɛe, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.