1 Berɛsosɛm 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ruben asefoɔ

1 Gye 35.22; 49.4 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

2Gye 49.8, 10, 22; Deut 33.7, 13-17 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ),

3Eks 6.14 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei,

5ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal,

61 Be 5.26 ne ba Beera a Asiriahene Tilgat-pilneser tuu no kɔeɛ no; ɔno ne Rubenfoɔ bapɔmma.

7Na ne nuanom, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔn awoɔ ahodoɔ so anatoɔ mu ne: Otitire Yeiel ne Sakaria,

8ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kɔsii Nebo ne Baal-meon ho.

9Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.

10Na Saulo nna mu no, wɔne Hagarfoɔ a wɔtotɔɔ wɔn nsa ano dii ako, na wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu Gilead apueeɛ fam nyinaa.

Gad asefoɔ. Hagarfoɔ

11Na Gad mma tenaa wɔn ntentensoɔ, Basan asase so de kɔduruu Saleka:

12Yoel ne panin, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan.

13Na wɔn nuanom sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber, wɔyɛ baason.

14Yeinom ne Bus ba, Yahdo ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma;

15Guni ba, Abdiel ba, Ahi di wɔn mpanimfie so panin.

16Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, deɛ wɔn hyeɛ kɔsoeɛ.

172 Ah 15.32; 14.23 Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa anatoɔ Yudahene Yotam berɛ so ne Israelhene Yeroboam nna mu.

18Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, nnipa a wɔtumi wɔn ho mu mmarima a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ, na wɔkuntunu tadua na wɔasua akodie no yɛ nnipa mpem aduanan nnan ne ahanson aduosia a wɔtumi kɔ ɔsa.

19Na Hagarfoɔ, Yetur, Nafis ne Nodab dii ako,

20na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.

21Na wɔsoaa wɔn mmoakuo no, wɔn yoma mpemnum ne nnwan mpemahanu aduonum, ne mfunumu mpemmienu ne nnipa mpemha, nnommum.

22Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu.

Manase abusuakuo fa

23 Deut 3.9 Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso.

24Na yeinom ne wɔn mpanimfie atitire: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanimfie so atitire.

25Na wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkɔdii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔn anim no anyame akyi adwamammɔ mu.

262 Ah 15.19, 29 Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help