1Montie yei, asɔfoɔ,
na monwɛn aso, Israel fie,
na ɔhene fie nso, monyɛ aso;
na mo so na atemmuo aba;
na moadane fidie wɔ Mispa
ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.
2Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ,
nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.
3 Hos 1.2 Me deɛ, menim Efraim,
na Israel nso nhunta me;
na afei, Efraim, woabɔ adwaman,
na Israel ho agu fi.
4 Hos 4.12 Wɔn nneyɛɛ mma
wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,
na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu,
na wɔnnim AWURADE.
5Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ,
na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu;
Yuda nso ne wɔn asunti.
6 Yes 1.11-15 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ
akɔhwehwɛ AWURADE,
na wɔrenhu no;
ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.
7Wɔatwa AWURADE nkontompo,
na wɔawowo ananafoɔ mma.
Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.
8 Hos 4.15 Monhyɛne abɛn Gibea,
monhyɛne totorobɛnto Rama.
Mommɔ ose Bet-awen,
ɛwɔ w’akyi, Benyamin.
9Efraim bɛdane amamfo,
asotwe da no;
mama wɔahunu Israel mmusuakuo
ho asɛm a ɛbɛtim mu.
10Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ
wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire,
wɔn so na mɛhwie
m’anibereɛ magu sɛ nsuo.
11 Yes 29.13 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu,
ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.
12Na me deɛ, mete sɛ nweweboaa mema Efraim
ne nhunhuniiɛ mema Yuda fie.
13 Hos 7.11; 10.6 Na Efraim hunuu ne yadeɛ,
na Yuda hunuu ne kuro;
na Efraim sii mu kɔɔ Asiria,
na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn;
na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ,
na ɔrentumi nkum mo ho akuro.
14 Hos 13.7; 6.1 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim
ne gyataburuwa ma Yuda fie;
me, me na mɛtete mu makorɔ,
mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
15 Yes 26.16 Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi,
akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim;
wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
