1 Neh 2.19 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.
2Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?
3Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.
4Dwom 7.16 Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dane wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ asadeɛ nnommumfa asase so,
5na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim.
6Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.
Atamfoɔ no ntua ho atirimpɔ7Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,
8na wɔn nyinaa kɔɔ apam yɛɛ baako sɛ wɔne Yerusalem rebɛko, na wɔayɛ no sakasaka.
9Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim.
10Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.
11Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.
12Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.
13Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.
14Neh 1 Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.
15 Hiob 5.12 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.
16Na ɛfiri da no, me mmeranteɛ fa fraa mu yɛɛ adwuma, na wɔn mu fa nso kurakuraa mpea ne akyɛm ne tadua wɔn amiadeɛ mu, na asafohene no gyinaa Yuda fie nyinaa akyi.
17Wɔn a wɔtotoo ɔfasuo no ne wɔn a wɔsoso nnesoa ne wɔn a wɔsoasoaa wɔn no, wɔde nsa baako reyɛ adwuma, na wɔde baako kura akodeɛ mu.
18Na wɔn a wɔtoɔ no nyinaa bobɔ wɔn nkrantɛ wɔ wɔn asene na na wɔde retoɔ. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ me nkyɛn.
19Na mesee mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Adwuma no dɔɔso, na emu trɛ na yɛn nso yɛapaepae yɛn mu ɔfasuo no so, onipa ne ne yɔnko ntam ware.
20Enti baabiara a mobɛte totorobɛnto nka no, ɛhɔ na mommoa mo ano mmɛhyia yɛn nkyɛn, yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.
21Saa na yɛyɛɛ adwuma. Na wɔn mu fa kurakuraa mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma pue.
22Nso berɛ no ara mu no, mesee ɔman no sɛ: Onipa biara ne ne somfo nna Yerusalem, na wɔnyɛ yɛn awɛmfoɔ anadwo ne adwumayɛfoɔ awia.
23Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.