Hiob 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Satan sane sɔ Hiob hwɛ

1 Hiob 1.6 Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.

2Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso anantenanteɛ na mereba.

3Hiob 1.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.

4Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.

5Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!

6Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora.

7Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii n’apampam.

8Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.

9 Hiob 19.17 Na ne yere bisaa no sɛ: Woda so kura wo mudie no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!

10Hiob 1.22; Yak 5.12 Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.

Hiob nnamfonom bɛsra no

11 Gye 36.15; Yer 49.7; Gye 25.2; Yos 15.41 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.

12Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.

13Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help