1 Gye 46.21 Na Benyamin woo Bela, n’abakan, Asbel a ɔtɔ so mmienu ne Ahra a ɔtɔ so mmiɛnsa,
2Noha a ɔtɔ so nnan ne Rafa a ɔtɔ so nnum.
3Na Bela mma ne: Adar, Gera, Abihud,
4Abisua, Naaman, Ahoa
5Gera, Sefufan ne Huram.
6Na yeinom ne Ehud mma, (yeinom ne Gebafoɔ agyanom atitire, na wɔtuu wɔn kɔɔ Manahat),
7ne Naaman ne Ahia ne Gera, ɔno na ɔtuu wɔn kɔeɛ, na ɔwoo Usa ne Ahihud.
8Na Saharaim woe wɔ Moab asase so, nso na wagya ne yerenom Husim ne Baara kwan.
9Na ɔne ne yere Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam
10Yeus, Sakia ne Mirma. Yeinom ne ne mma a wɔyɛ agyanom atitire.
11Na ɔne Husim woo Abitub ne Elpaal.
12Na Elpaal mma ne: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne ɛho nkurowa,
13Beria ne Sema, (wɔn ne Ayalonfoɔ agyanom atitire, wɔn na wɔpamm Gatfoɔ).
14Na Ahio, Sasak, Yeremot,
15Sebadia, Arad, Eder,
16Mikael, Yispa, Yoha ne Beria mma.
17Na Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber,
18Ismerai, Yislia, Yobab ne Elpaal mma.
19Na Yakim, Sikri, Sabdi,
20Elienai, Siletai, Eliel,
21Adaia, Beraia, Simrat ne Simei mma.
22Na Yispan, Eber, Eliel,
23Abdon, Sikri, Hanan,
24Hanania, Elam, Antotia,
25Yifdeia, Penuel ne Sasak mma.
26Na Samserai, Seharia, Atalia,
27Yaaresia, Elia, Sikri ne Yeroham mma.
28Yeinom ne agyanom atitire, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ so atitire. Yeinom tenaa Yerusalem.
29 1 Be 9.35-44 Na wɔn a wɔtenaa Gibeon ne Gibean n’agya Yeiel a ne yere din de Maaka,
30ne n’abakan Abdon, Sur, Kis, Baal, Nadab,
31Gedor, Ahio ne Seker.
32Na Miklot woo Simea; na wɔn nso wɔtenaa wɔn nuanom ntentensoɔ Yerusalem kaa wɔn nuanom ho.
33 1 Sa 14.51 Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malkisua, Abinadab ne Esbaal.
34Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.
35Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
36Na Ahas woo Yehoada, na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
37Na Mosa woo Binea, ne Rafa, ne Elasa, ne Asel.
38Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Yeinom nyinaa yɛ Asel mma.
39Na ne nua Esek mma ne: N’abakan Ulam, Yeus a ɔtɔ so mmienu, ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.
401 Be 12.2 Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.