1Frɛ ɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛbua woɔ?
Na akronkronfoɔ mu hwan na wode bɛdan no?
2Na ahisɛm kum agyimifoɔ,
na ninkuntwe kum atetekwaa.
3 Dwom 37.35-36 Me deɛ, mahunu ogyimifoɔ a ɔgyee nhini,
nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea;
4ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe,
na wɔpɛkyɛ wɔn
wɔ kuro pono mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.
5Wɔn a wɔdi kɔm bɛdi ne nnɔbaeɛ,
na nsɔeɛ mu mpo na wɔbɛfa,
na adufudepɛfoɔ amene wɔn adedodoɔ.
6Ɛfiri sɛ mmusuo mfifiri mfiri mfuturo mu,
na ɔhaw nso mfu mfiri fam.
7Na wɔwoo onipa maa ɔhaw,
sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.
8Na me a, anka mɛhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,
na mede m’asɛm mahyɛ ne nsa,
9 Hiob 9.10 deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu,
anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.
10Deɛ ɔma osuo tɔ asase soɔ,
na ɔma nsuo ba wira mu,
11 Dwom 75.7; Luka 1.52 ɔde ahobrɛasefoɔ tena deɛ ɛkorɔn,
na ɔma abooboodifoɔ so kɔ yiedie mu.
12Ɔsɛe anitefoɔ atirimpɔ,
na wɔn nsa antumi anyɛ adepa biara.
13 1 Ko 3.19 Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu,
na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.
14 Yes 59.9-10 Wɔtɔ sum mu awia,
na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo.
15Na ɔgye ohiani firi afena a ɛfiri wɔn anomu no ano,
ne ɔhoɔdenfoɔ nsam.
16Na mmɔborɔni nya anidasoɔ,
na amumuyɛ mua n’ano.
17 Mmb 3.11; Dwom 94.12 Hwɛ, nhyira ne ɔdasani a Onyankopɔn ka n’anim,
enti, mpo Otumfoɔ atenetene no.
18 Deut 32.39; Hos 6.1 Na ɔno na ɔpira, na ɔkyekyere soɔ,
ɔpɛkyɛ, na ne nsa nso sa.
19 Mmb 24.16 Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu,
aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.
20Ɛkɔm berɛ ɔbɛgye wo afiri owuo mu,
na akodie mu nso wagye wo afiri afena ano.
21Ɔbɛkora wo afiri tɛkyerɛma mpire ano,
na wɔrensuro sɛeɛ a ɛbɛba.
22Wobɛsere sɛeɛ ne ɛkɔm,
na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn.
23 Hos 2.18; Yes 11.6-9 Ɛfiri sɛ wo ne wiram aboɔ mpo bɛyɛ apam,
na wiram mmoadoma bɛdwo ama wo.
24Na wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo,
na wohwɛ wo tenabea a, worenhunu sɛ atɔ mu.
25Na wobɛhunu nso sɛ w’asefoɔ bɛdɔɔso pii,
na wɔn a wɔfiri wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhahan,
26wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu,
sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no.
27Hwɛ, yei na yɛahwehwɛ ahunu, sɛ ɛteɛ nie;
tie, na wo nso, hunu fa!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.