1 Flp 1.7; 1.13 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,
2sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,
3Efe 1.9-10 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no.
4Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho
5Kol 1.26 a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,
6Efe 2.13; 2.18-19 sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.
7Ɛno ho na wɔayɛ me somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no soɔ, teɛ no.
8 1 Ko 15.9-10; Efe 1.7; Gal 1.16 Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,
9Rom 16.25; Kol 1.16 na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,
101 Pe 1.12; Rom 11.33 sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,
11Efe 1.11 sɛdeɛ ne tirim a ɔbɔɔ no teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no teɛ no.
12Yoh 14.6; Heb 4.16; Rom 5.2 Ne mu na yɛnam ne ho gyidie so anya nnamyɛ ne kwan, ahotosoɔ mu.
13Kol 1.24 Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.
Paulo adesrɛ14Yei nti na mede me nkotodwe mekoto Agya
15a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no,
16Efe 1.7; 6.10 sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu;
17Yoh 14.23; Kol 2.7 na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu,
18na mo ne ahotefoɔ nyinaa anya trɛ ne tentene ne korɔn ne emudɔ no,
19na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.
20Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,
21ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.