1 Eks 12.41 Israel firii Misraim,
na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ man mu no,
2Yuda yɛɛ ne kronkronbea,
na Israel yɛɛ ne tumidibea.
3 Eks 14.21-22; Yos 3.13-16 Ɛpo hunui, na ɛdwanee,
Yordan sanee n’akyi.
4 Dwom 68.8 Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa.
Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,
5Ɛpo, ɛdeɛn na ɛyɛɛ woɔ na woredwane,
na wo Yordan nso, woresane w’akyire yi?
6Mo mmepɔ, sɛ morehurihuri sɛ adwennini,
na mo nkokoɔ, moreyɛ sɛ nnwammaa yi?
7 Eks 19.18 Asase, popo AWURADE anim,
Yakob Nyankopɔn anim.
8 Eks 17.6 Na twerɛboɔ yɛɛ nsuo aniwa.
Ɔno na ɔdanee ɔbotan maa no yɛɛ ɔtadeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
