1 Yes 4.2; 53.2 Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu,
na duban afiri ne nhini mu aso aba.
2 Yes 42.1; Mat 12.18 Na AWURADE honhom bɛsi ne so,
nyansa ne nhunumu honhom,
afotuo ne mmaninyɛ honhom,
nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.
3Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam.
Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn,
na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,
4 Dwom 72.4, 12-14; 2 Te 2.8 na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni,
na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ;
na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase,
na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;
5na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ,
na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.
6 Yes 65.25 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena,
na ɔsebɔ ne apapowa ada,
na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako,
na abɔfra ketewa aka wɔn.
7Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi
na wɔn mma ada faako,
na gyata awe wira sɛ nantwie.
8Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano,
na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn.
9 Hab 2.14 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio,
me bepɔ kronkron no nyinaa so,
na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma,
sɛ nsuo kata po soɔ no.
Atukɔfoɔ no bɛsan aba10 Rom 15.12 Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.
11Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.
12Na wama frankaa so ama amanaman,
na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano,
na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no
afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.
13 Hes 37.22 Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ,
na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye.
Efraim ani remmere Yuda bio,
na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.
14Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam,
na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa;
Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so,
na Amon mma atie wɔn.
15Na AWURADE bɛwe
Misraim po mu nsuo korakora,
na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ
bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so,
na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson
a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.
16 Eks 14.29 Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria
ama ne man nkaeɛ a wɔaka no,
sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel,
ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.