Hesekiel 47 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔrefie no mu asutire

1 Yoel 3.18; Sak 14.8; Adi 22.1 Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam.

2Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so, konton baa anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan no so, na hwɛ, na nsuo firi nifa so resene.

3 Hes 40.3 Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.

4Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu.

5Na ɔsusuu ahanum, na ɛyɛ nsuo a mantumi mantwa, ɛfiri sɛ nsuo no mu dɔ a wɔboro, ayɛ sɛ nsuo a wɔntumi ntwa.

6Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba woahunu anaa?

Na ɔde me nam asuo no ano sane bae,

7na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha.

8Gye 14.3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ.

9Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara.

10Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.

11N’aforɔ ne n’atɛkyɛ deɛ, wɔrensa, wɔbɛgya de ayɛ nkyene.

12Adi 22.2 Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.

Asase no ahyeɛ

13 Gye 48.5; Yos 17.17 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu;

14na monkyɛ nni so mma obiara deɛ nyɛ sɛ ne nua deɛ, ɛfiri sɛ ɛho na maka ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo, na moadi so.

15 Num 34.2-12 Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,

16Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hyeɛ ho no.

17Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no.

18Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no.

19 Num 20.13; 34.5 Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.

20Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no.

21Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ.

22Eks 22.21 Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;

23na abusuakuo ko a ɔnanani bi abɛyɛ mu hɔhoɔ no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapadeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help