3 Yohane 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkyea ne ayeyie

1 2 Yoh 1 Me, ɔpanin no twerɛ kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokorɛ mu.

2Ɔdɔfo, mebɔ mpaeɛ sɛ, adeɛ nyinaa mu, ɛnsi wo yie, na nya ahoɔden sɛdeɛ asi wo kra yie no.

32 Yoh 4 Ɛberɛ a anuanom bi baeɛ, na wɔbɛdii wo nokorɛdie ho adanseɛ, sɛdeɛ wonam nokorɛ mu no, m’ani gyee sɛ.

4Menni anigyeɛ a ɛsene yei, sɛ mete sɛ me mma nam nokorɛ mu.

5Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no.

6Tito 3.13 Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanseɛ asafo no anim. Na wogya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɛ, Nyankopɔn anim a, na woayɛ no yie.

7Aso 20.35; 1 Ko 9.12; 9.15 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman mufoɔ no hɔ biribiara.

8Heb 13.2 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yɛgye saa nkurɔfoɔ no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfoɔ ama nokorɛ no.

Diotrefe ne Demetrio

9Metwerɛ mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔrepɛ wɔn mu panin adie no nnye yɛn nto mu.

10Yei nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na yei mpo annɔɔso amma no, na ɔno ara nnye anuanom no nto mu, na ɔsi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na ɔtu wɔn firi asafo no mu.

111 Yoh 3.6; 3.9 Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.

12 Yoh 19.35; 21.24 Demetrio deɛ, wɔn nyinaa di ne ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu, na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ, na monim sɛ yɛn adanseɛ yɛ nokorɛ.

Awieeɛ

13 2 Yoh 12 Anka mewɔ nsɛm pii metwerɛ, nanso mempɛ sɛ mede adubire ne twerɛdua metwerɛ mebrɛ mo.

14Na m’ani da so sɛ mɛhu mo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.

15Asomdwoeɛ nka mo. Nnamfonom no kyeakyea mo. Bobɔ nnamfonom no din mmaako mmaako kyea wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help