Hesekiel 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn animuonyam adiyie

1 Hes 10.15 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.

22 Ah 24.15 Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so nnum mu no),

3AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.

4 Hes 10; Adi 4.6-8 Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.

5Na emu na abɔdeɛ ateasefoɔ baanan nsɛsoɔ bi firi pueeɛ, na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔwɔ onipa suban;

6wɔwowɔ anim nnan nnan, na wɔn mu biara wɔ ntaban nnan nnan.

7Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ.

8Na wɔwɔ nnipa nsa, wɔn ntaban ase, wɔn afa nnan no, na wɔn baanan no wowɔ anim ne ntaban sɛɛ:

9Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.

10Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi.

11Sɛ wɔn anim teɛ nie. Wɔn ntaban mu apae firi soro ba fam; wɔn ntaban mmienu mmienu sisi anim, na mmienu mmienu katakata wɔn nipadua ho.

12Hes 1.20 Na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, deɛ honhom no rekorɔ hɔ na wɔkorɔ, wɔn nanteɛ mu wɔnnanedane wɔn ho.

13Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.

14Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.

15Na merehwɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no, na hwɛ, na nkyimiiɛ baako si asase so wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no nkyɛn mu, anim nnan no mu biara deɛ koro.

16Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu.

17Sɛ wɔnante a, wɔnam wɔn afa nnan so, wɔnnanedane wɔ wɔn nanteɛ mu.

18Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia.

19Na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no nante a, nkyimiiɛ no nso siane wɔn, na sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, na nkyimiiɛ no nso ama ne ho so.

20Hes 1.12 Baabiara a honhom no dane korɔ no, wɔkɔ; deɛ honhom no bɛkorɔ no, nkyimiiɛ no memaa ne ho so, wɔn nkyɛn mu kɔ bi, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.

21Wɔnante a, yeinom nso nante, na sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na wɔma wɔn ho so firi fam a, nkyimiiɛ no nso mema wɔn ho so, wɔn nkyɛn mu, ɛfiri sɛ abɔdeɛ ateasefoɔ no honhom wɔ nkyimiiɛ no mu.

22 Eks 24.10 Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

23Na wɔn ntaban tene tee sisi anim, ntrɛmu no ase, na mmienu mmienu nso katakata yeinom ne yeinom nipadua ho.

24Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.

25Na ɛnne firi ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.

26 Hes 1.22 Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.

27Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.

28Adi 4.3 Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ.

Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help