1 Adi 8.10; 20.1 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.
2Yoel 2.2; 2.10 Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.
3Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.
4Adi 7.3 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.
5Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.
6Luka 23.30 Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owuo, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo, nanso owuo bɛdwane wɔn.
7Yoel 2.4 Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ.
8Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmaa nwi, na wɔn se tete sɛ agyata se.
9Na wɔwowɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam deɛ.
10Adi 9.19 Na wɔwowɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ, na nwowɔeɛ wowɔ wɔn dua mu, na wɔn dua mu na wɔn tumi a wɔde ha nnipa abosome nnum no wɔ.
11Adi 9.1 Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.
12Adi 8.13; 11.14 Mmusuo baako atwa mu. Hwɛ, yei akyiri Mmusuo mmienu da so reba.
13 Adi 8.3; Eks 30.1-3 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Na metee nne bi a ɛfiri sika afɔrebukyia a ɛsi Nyankopɔn anim no mmɛn nnan no mu,
14Adi 16.12 a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.
15Adi 8.7-12 Na wɔsanesanee abɔfoɔ baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne bosome ne afe no sɛ wɔnkunkum nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.
16Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu.
17Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no, anisoadehunu no mu nie: Wɔwɔ ogya ne afasebire ne sɔfe nkataboɔ, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wisie ne sɔfe fifiri wɔn anomu.
18Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so de ogya ne wisie ne sɔfe a ɛfifiri wɔn anomu no so kunkumm nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.
19Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no tete sɛ awɔ, na ɛwowɔ tire, na ɛno na wɔde pira.
20 Adi 16.9; 16.11; 16.21; 1 Ko 10.20 Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.
21Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.