Numeri 36 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mma mmaa awarefoɔ ho asɛm

1 Num 26.55; 27.6-7 Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim,

2na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na wɔnni so, na me wura nyaa AWURADE anomu mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mmammaa.

3Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu mma bi yerenom a, ɛnneɛ wɔn agyapadeɛ no bɛfiri yɛn nananom agyapadeɛ mu, na wɔde akɔka abusuakuo ko a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na afiri yɛn ntonto kyɛfa no mu;

4Lew 25.10-13 na sɛ ɛduru Israelfoɔ ahosɛpɛ afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapadeɛ no bɛka abusuakuo a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na wɔayi wɔn agyapadeɛ afiri yɛn nananom abusuakuo agyapadeɛ mu.

5Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Deɛ Yosef mma abusuakuo aka yi tene.

6Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ;

7na Israelfoɔ agyapadeɛ amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ bi mu, na Israelfoɔ no mfemfam wɔn nananom abusuakuo agyapadeɛ ho.

8Na ɔbabaa biara a ɔnya agyapadeɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu no nyɛ obi a ɔfiri n’agya abusuakuo mu abusua bi mu yerɛ, na Israelfoɔ no nnya wɔn nananom agyapadeɛ nni so,

9na agyapadeɛ bi amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ mu; na Israelfoɔ mmusuakuo no mfemfam wɔn agyapadeɛ ho.

10Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ;

11Num 26.33 na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmammaa no warewaree wɔn agya nuanom mma;

12na wɔwarewaree wɔn a wɔfiri Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn agya abusuakuo no mu.

13Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help