Hesekiel 32 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Farao ho kwadwom

1Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 27.2; 29.3 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ:

Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ,

nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa,

na wohuri firii wo nsubɔntene no mu,

na wode wo nan nuu nsuo no mu

honoo wɔn nsubɔntene.

3 Hes 17.20 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Mɛto m’asau agu wo so,

aman bebree asafo mu,

na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4na mɛto wo atwene fam,

na mato wo atwene ɛserɛ so,

na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so,

na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

5Na mede wo nam bɛto mmepɔ so,

na mede wo funu ahyɛ mmonhwa ma,

6na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo

akɔduru mmepɔ ho,

na woahyɛ nsubɔnhwa no mama.

7 Yes 13.10 Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro,

na mama ne nsoromma abiri tumm;

mede mununkum bɛkata owia ani,

na ɔsrane renharan.

8Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn

abiri wo so,

na mama esum aduru w’asase so,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

9Na mɛteetee aman bebree akoma,

berɛ a mɛfa wo dommum

akɔ amanaman mu,

nsase a wonnim soɔ no soɔ;

10na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri,

na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so,

berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no,

na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu,

wɔn nyinaa nkwa nti,

w’ahweaseɛ da no so.

11Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Babel hene nkrantɛ bɛba wo so.

12Nnɔmmarima nkrantɛ

na mede bɛma w’asafo yuu no atotɔ,

amanaman mu aniɛdenfoɔ ne wɔn nyinaa,

na wɔbɛsɛe Misraim ahantan,

na wɔadwerɛ n’asafo yuu no nyinaa.

13Na mɛdwerɛ n’afiemmoa nyinaa

afiri nsuo akɛseɛ no ho,

na onipa nan remma no nhono bio,

na afieboa ntɔte remma no nhono bio.

14Ɛno na mɛma wɔn nsuo ani agyene,

na mama wɔn nsubɔntene asene sɛ ngo,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

15ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo

na asase no ada ne mayɛ ho mpan no,

ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no,

na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16Kwadwom a wɔde bɛsu no nie.

Amanaman mmammaa de bɛsu no,

wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa,

AWURADE asɛm nie.

Misraim ho ayidwom

17 Hes 32.1 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Hes 31.16 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo,

na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa

nsiane nkɔ famfam

asase so

nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.

19 Yes 14.11-19 Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!

20 Hes 21.9 Nkrantɛ ano atɔfoɔ mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrantɛ; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21Nnɔmmarima mu atumfoɔ ne wɔn aboafoɔ firi Asamando ka kyerɛ no sɛ: Momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no asiane deda hɔ.

22Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia, wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano.

23Yes 14.15 Wɔabɔ ne da wɔ Amena mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damena ho ahyia. Wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no.

24Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora.

25Atɔfoɔ mu na wɔato no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, na wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano. Wɔn ho hu kaa nnipa ateasefoɔ asase soɔ nti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfoɔ mu.

26 Hes 38.2 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;

27na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so.

28Na wo nso wɔbɛbubu wo momonotofoɔ mu, na wo ne nkrantɛ ano atɔfoɔ adeda.

29 Hes 25.12-14 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.

30 Hes 38.6; 28.21-23 Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora.

31 Yes 14.10 Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

32Na memaa no yii hu, ateasefoɔ asase so, enti na wɔde no ato momonotofoɔ mu aka nkrantɛ ano atɔfoɔ ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help