1Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.
2Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.
3Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛseɛ mu no bisaa Mordekai sɛ: Adɛn nti na wo deɛ, woto ɔhene mmara no?
4Na wɔka kyerɛɛ no saa daa na ɔntie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no bɛgyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.
5Na Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto nsɔre no no, abufuo hyɛɛ Haman ma.
6Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.
7 no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.
8Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.
9Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔntwerɛ sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akoradeɛ mu.
10Est 8.2 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.
11Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛdeɛ wo pɛ.
12 Est 1.22 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.
13Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkɔkoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.
14Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa soɔ no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wɔnsiesie wɔn ho nsie da no.
15Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.