Nnwom 69 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE akoa a ɔwɔ amanehunu muWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sosannim” sankuo nne so. Dawid deɛ.

1 Dwom 45.1 Onyankopɔn, gye me nkwa,

na nsuo aduru me kra ho.

2Matɔ amena kuronkuron atɛkyɛ

a gyinabea nni hɔ mu,

maduru ebunu

a nsuo bu kata me soɔ mu.

3Me sufrɛ ama mabrɛ,

me mene mu awe,

mahwɛ me Nyankopɔn kwan

ama m’ani abu.

4 Dwom 35.19; Yoh 15.25 Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso

sene me tiri so nwi,

m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso,

deɛ memfaeɛ no,

wɔse mennane memma.

5Onyankopɔn, wonim me nkwaseasɛm,

na me mfomsoɔ nhunta wo.

6AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn,

mma wɔn a wɔtwɛn woɔ ani nnwu me ho,

Israel Nyankopɔn,

mma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ no anim nngu ase, me nti.

7 Dwom 44.22 Na wo nti na magye ahohora,

na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.

8 Dwom 38.11; Hiob 19.13 Madane me nuanom mu ɔhɔhoɔ,

mayɛ me na mma mu ɔnanani.

9 Yoh 2.17; Rom 15.3 Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso,

na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.

10Na me kra suu mmuada mu,

na ɛdanee me ahohorabɔ.

11Mede ayitoma meyɛɛ me ntoma

na mayɛ wɔn akasabebuo.

12 Hiob 30.9 Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm,

na nsanomfoɔ de me to dwom.

13 Yes 49.8 Na me deɛ, mebɔ wo, AWURADE, mpaeɛ,

adom berɛ mu,

Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti,

fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.

14Yi me firi atɛkyɛ mu, na mammem,

ma wɔnyi me mfiri wɔn a wɔkyiri me nsam

ne abunu mu.

15Mma asuo a ayire no mmfa me,

na mma ebunu mmmene me,

na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.

16AWURADE, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ,

dane w’ani kyerɛ me,

sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ.

17Na nyi w’ani nhunta w’akoa,

na me ho dwane me, gye me so ntɛm.

18Twe bɛn me kra, na bɛgye no,

m’atamfoɔ nti gye me.

19Wonim m’ahohora

ne m’aniwuo ne me nsopa,

w’ani tua m’ahohiahiafoɔ nyinaa.

20 Kwa 1.2, 9 Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ,

na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma,

mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.

21 Mat 27.34, 48 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane,

na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.

22 Rom 11.9-10 Ma wɔn pono a ɛsi wɔn anim nnane sɛ apa,

na wɔdi yie a, ma no nyɛ afidie mma wɔn.

23Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu,

na wɔanhunu adeɛ,

na ma wɔn sisi mpopo daa,

24ma w’ani mmere wɔn so,

na w’awerɛhoɔ ne w’abufuo nka wɔn.

25 Aso 1.20 Ma wɔn tenabea nnane amamfo,

na obiara nntena wɔn ntomadan mu.

26 Yes 53.4 Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no,

na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.

27 Rom 1.24 Ma amumuyɛ mmɔ wɔn amumuyɛ so,

na mma wɔmmma wo tenenee mu.

28 Luka 10.20 Ma wɔnyi wɔn mfiri ateasefoɔ nwoma mu,

na mma wɔnntwerɛ wɔne ateneneefoɔ din mmmom.

29Na me deɛ, meyɛ ɔmanehunufoɔ ne ɔwerɛhoni,

Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mma me so.

30Mede dwontoɔ bɛyi Nyankopɔn din ayɛ,

na mede aseda makamfo no.

31 Dwom 50.8-14 Na ɛbɛsɔ AWURADE ani yie

asene nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne tɔte mu apaeɛ.

32 Dwom 22.26 Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye,

mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,

mo akoma nnya nkwa.

33Na AWURADE tie ahiafoɔ,

na ɔnto ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ ho mpe.

34Ma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ,

ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa.

35Na Onyankopɔn bɛgye Sion

na wakyekyere Yuda nkuro,

na wɔatena mu, na ayɛ wɔn dea.

36Na ne nkoa asefoɔ bɛnya adi,

na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help