Lewitikɔs 16 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mpata Da

1 tonto baako.

9Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.

10Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel.

11Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no.

12Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi.

13Na ɔmfa aduhwam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhwam no wisie nkata mpata adwa a ɛwɔ Adanseɛ no soɔ no ho, na wanwu.

14Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson.

15 Rom 3.25 Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim,

16Lew 17.11 na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ no afideɛ, ne wɔn mmara a wɔto, wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn mu ɛsiane wɔn afideɛ no nti.

17Na onipa biara nntena ahyiaeɛ ntomadan no mu, berɛ a ɔhyɛne hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie a wapata ama ɔno ara ne ne fie ne Israelfoɔ asafo nyinaa.

18Eks 30.10 Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia,

19na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu.

20Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra.

21Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so,

22na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so.

23Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ.

24Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no.

25Na ɔnhye bɔne ho afɔdeɛ sradeɛ no afɔrebukyia no so.

26Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu.

27Lew 4.12; 6.30; Hes 43.21; Heb 13.11 Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan.

28Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu.

29Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.

30Heb 10.3 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim.

31Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ.

32Na mpata no, ɔsɔfoɔ a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnni sɔfoɔ nsi n’agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no, ntade kronkron no,

33na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa.

34Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ na wɔde apata ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu prɛko daa afirinhyia. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help