1 Korintofoɔ 15 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ

1Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mogyeeɛ nso, na mogyina mu nso,

2na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ mosɔ mu den sɛdeɛ mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa deɛ a, na moagye adi kwa.

3Yes 53.8-9 Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.

4Dwom 16.10 Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.

5Luka 24.34; Mar 16.14 Na ɔmaa Kefa hunuu no, ansa na dummienu no rehu no.

6Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda.

7Luka 24.50 Ɛno akyiri no, ɔmaa Yakobo hunuu no ansa na asomafoɔ no nyinaa rehu no.

81 Ko 9.1 Wɔn nyinaa akyiri na ɔmaa me a mete sɛ deɛ wɔapatu awo no nso hunuu no.

9 Efe 3.8 Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no;

102 Ko 11.5; 11.23 nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.

11Enti sɛ me oo, sɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mogye diiɛ.

Awufoɔ sɔreɛ

12Na sɛ wɔka no Kristo ho sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufoɔ sɔreɛ nni hɔ?

13Na sɛ awufoɔ sɔreɛ nni hɔ a, na wɔannyane Kristo nso;

14na sɛ wɔannyane Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidie nso yɛ hunu.

15Aso 1.22 Na wɔbɛhu yɛn sɛ Nyankopɔn ho adansekurumfoɔ, ɛfiri sɛ yɛdii Onyankopɔn adanseɛ sɛ, ɔnyanee Kristo, na sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ na wannyane ɔno nso.

161 Ko 6.14 Na sɛ awufoɔ nnyane a, na wɔannyane Kristo nso.

171 Ko 15.14 Na sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie yɛ hunu, na moda so wɔ mo bɔne mu.

18Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera.

19Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ.

Kristo wusɔreɛ bɛma wɔn nyinaa asɔre bi

20 1 Ko 11.30; Kol 1.18 Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan.

21Gye 3.17-19; Rom 5.12; 5.18 Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ no, sɛ nso awufoɔ sɔreɛ nam onipa so baeɛ ne no.

22Na sɛdeɛ wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa bɛnya nkwa Kristo mu ne no.

231 Ko 15.20; 1 Te 4.16; Adi 20.5 Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,

24Dan 2.44 ansa na awieeɛ no di hɔ, ɛberɛ a ɔde ahennie no bɛhyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔden ne tumi nyinaa aguo no.

25Dwom 110.1; Mat 22.44 Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.

26Adi 20.14; 21.4 Ɔtamfoɔ a ɔdi akyire a ɔbɛtu no aguo no ne owuo.

27Dwom 8.6 Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.

28Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.

Awufoɔ asubɔ

29Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufoɔ no, wɔyɛ de gye deɛn? Sɛ awufoɔ nnyane koraa a, adɛn nti nso na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn?

30Rom 8.36 Adɛn nti na yɛn nso amaneɛ di yɛn akyi dɔn biara yi?

312 Ko 4.10-11 Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, mewu da biara.

32Yes 22.13 Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a,

ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom,

na ɔkyena na yɛawu!

33Mommma wɔnnnaadaa mo!

Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.

34 Rom 13.11; Efe 5.14; Aso 26.8; 1 Ko 6.5 Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo.

Ɔsoro nipadua ne fam nipadua

35Na ebia obi bɛka sɛ: Wɔbɛyɛ dɛn anyane awufoɔ? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba?

36Yoh 12.24 Ɔkwasea! Deɛ wodua no rennya nkwa, gye sɛ ɛwu ansa.

37Na deɛ wodua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba na wodua, na mmom ɛyɛ aburoofua kwa, ebia ayuo anaa deɛ ɛkeka ho no bi.

38Gye 1.11 Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara ɛno ara ne dua.

39Ɛnam nyinaa nyɛ pɛ; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa deɛ.

40Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ.

41Owia animuonyam nko, ɔsrane animuonyam nko, nsoromma animuonyam nko; na afei ɛsono nsoromma mmaako mmaako animuonyam.

Ɔkra nipadua ne honhom nipadua

42Sɛ nso awufoɔ sɔreɛ teɛ ne no. Wɔdua no porɔeɛ mu, ɛbɛnyane deɛ ɛmporɔ mu.

43Flp 3.20-21 Wɔdua no deɛ ɛnni anidie mu, ɛbɛnyane animuonyam mu. Wɔdua no mmerɛyɛ mu, ɛbɛnyane tumi mu.

44Wɔdua no ɔkra nipadua, ɛbɛnyane honhom nipadua. Sɛdeɛ ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa ara nso na honhom nipadua nso wɔ hɔ.

45Gye 2.7; 2 Ko 3.17 Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.

46Na ɛnyɛ honhom deɛ no na ɛdi kan, na mmom ɔkra deɛ no, ansa na honhom deɛ no reba.

47Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.

48Sɛdeɛ famni no teɛ no, sɛ nso famfoɔ no teɛ ne no; na sɛdeɛ ɔsoroni no teɛ no, sɛ nso ɔsorofoɔ no teɛ ne no.

49Gye 5.3 Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.

Ɛsɛ sɛ nipadua no sakyera

50 1 Ko 6.13 Anuanom, deɛ mereka ne sɛ: Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahennie, na deɛ ɛporɔ no nso ntumi nnye deɛ ɛmporɔ.

511 Te 4.15; 4.17 Hwɛ, mereka mo ahuntasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakyera

52Mat 24.31; 1 Te 4.16 ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.

532 Ko 5.4 Na ɛtwa sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛnwuo no.

54Yes 25.8 Na sɛ deɛ ɛporɔ yi nya hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi nya hyɛ deɛ ɛnwuo no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ:

Wɔamene owuo nkonim mu.

55 Hos 13.14 O, owuo, wo nkonim wɔ he?

Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?

56 Rom 7.13; 6.14 Owuo nwowɔeɛ ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara.

57Nanso aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn.

58 2 Be 15.7 Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help