2 Samuel 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔde apam adaka no ba Yerusalem(1 Berɛsosɛm 13.1-14; 15.25—16.6, 43)

1 de bɛsi nnɛ.

9Na Dawid suroo AWURADE da no, na ɔkaa sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn sɛn nie?

10Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.

11Na AWURADE adaka no sii Gitini Obed-edom fie abosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fie nyinaa.

12 1 Be 15 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu.

131 Ah 8.5 Na wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutuu anammɔn nsia no, ɔde nantwie ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔdeɛ.

14Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.

15Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.

16Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.

17 1 Be 16 Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.

181 Ah 8.55 Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no.

19Na ɔkyɛɛ adeɛ maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmaa, ɔmaa wɔn mu biara paanoo mua baako ne nankum ne bobe aba taterɛ. Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn fie.

20Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!

212 Sa 5.2 Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔfirii w’agya ne ne fie nyinaa akyi yii me na ɔhyɛɛ me sɛ menni ne man Israel so hene no anim na megoroeɛ.

22Na mɛyɛ awiɛmfoɔ masene yei bio, na mayɛ w’ani so famni. Na mfenaa a woaka no, wɔn na mɛnya animuonyam wɔ wɔn ani so.

23Na Saulo babaa Mikal annya ɔba de kɔsii ne wuda.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help