1 Gye 30.23; 1 Sa 1.5-6 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.
Awieeɛ berɛ mu nkwagyeɛ2 Yes 11.1 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.
3Luka 10.20 Na deɛ wɔagya no Sion ne deɛ waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din afra ateasefoɔ mu, Yerusalem nyinaa,
4Sak 13.1; Mat 3.11 da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.
5Eks 13.21; 40.34, 38 Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;
6Yes 25.4-5 na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
