Gyenesis 22 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn hyɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ

1 Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.

15Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:

16Heb 6.13 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:

17Gye 13.16; 15.5; Heb 11.12; Gye 24.60 Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.

18Gye 12.3; Gal 3.16 Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.

19Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.

Nahor asefoɔ

20 Gye 11.29 Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:

21N’abakan Us ne ne nua Bus ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya,

22ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel.

23Gye 24.15 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor.

24Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help