1 Yohane 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Kristo yɛ Ɔkamafoɔ

1 Rom 8.34; Heb 7.25 Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.

2Kol 1.20 Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.

3Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.

4Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.

5Yoh 14.21; 14.23 Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.

6Yoh 13.15 Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.

Ahyɛdeɛ foforɔ

7 Yoh 13.34 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.

8Rom 13.12 Nso meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ mabrɛ mo a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwa mu, na nokorɛ hann no anya rehyerɛn.

91 Yoh 4.20 Deɛ ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu na ɔtane ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de bɛsi sɛsɛɛ.

10Deɛ ɔdɔ ne nua no wɔ hann no mu, na suntidua nni ne mu.

11Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.

12Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ,

ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo.

13Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo

ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.

Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ,

moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.

Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

monim Agya no.

14 Efe 6.10 Agyanom, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.

Mmeranteɛ, matwerɛ mabrɛ mo sɛ,

mo ho yɛ den,

na Nyankopɔn asɛm no te mo mu,

na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.

Wiase dɔ ne Nyankopɔn dɔ

15 Yak 4.4 Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.

16Na deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.

17Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.

Antikristo no ho kɔkɔbɔ

18 Mat 24.5; 24.24 Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie.

19Aso 20.30 Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.

201 Yoh 2.27 Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.

21Mantwerɛ mammrɛ mo sɛdeɛ monnim nokorɛ no, na mmom sɛ monim, ne sɛ atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu.

22Hwan ne ɔtorofoɔ no sɛ deɛ ɔsane sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne Ɔba no.

231 Yoh 4.15; Yoh 5.23 Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso.

241 Yoh 2.7 Enti mo deɛ, deɛ mote firii mfitiaseɛ no, momma no ntena mo mu; na sɛ deɛ mote firii mfitiaseɛ no tena mo mu a, ɛnneɛ mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.

25Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.

26Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.

271 Yoh 2.20; Yoh 16.13 Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!

281 Yoh 4.17 Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.

Nyankopɔn mma

29 1 Yoh 3.7; 3.10 Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help